Revelation of John 3

Sardi asafo no nhoma

1“Kyerɛw krataa kɔma asafo a ɛwɔ Sardi no se:

“Eyi ne asɛm a efi obi a ɔwɔ Onyankopɔn ahohom ason ne nsoromma ason no nkyɛn. Minim nea woreyɛ.

“Minim sɛ woagye din sɛ wote ase nanso woawu.
2Enti nyan na kanyan nea aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ, mahu sɛ nea woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim. 3Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo, na worenhu bere ko a mɛba.

4“Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu. Wɔne me bɛnantew a wɔhyɛ ntade fitaa efisɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa. 5Wɔn a wobedi nkonim no, wɔbɛhyɛ wɔn ntade fitaa, na merentwa wɔn din mfi ateasefo din mu wɔ nhoma no mu. MʼAgya no ne abɔfo no anim na mɛda no adi sɛ wɔyɛ me de.

6“Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

Filadelfia asafo no nhoma

7“Kyerɛw krataa kɔma asafo a ɛwɔ Filadelfia no se:

“Eyi ne asɛm a efi obi a ɔyɛ kronkron, yɛ nokware a okita safe a na ɛyɛ Dawid de a sɛ obue a, obi ntumi nto mu na ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no nkyɛn.

8“Minim nea woyɛ. Minim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so nam so adi me nokware. Mabue ɔpon bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu.

9“Tie! Kuw a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofo a wɔka se wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abebu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa behu sɛ medɔ wo.

10“Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, megye wo afi mu. 11Mereba nnansa yi ara. Kora wo agyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no.

12“Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi soro me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.

13“Sɛ wowɔ aso a, ɛnne tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

Laodikea asafo no nhoma

14“Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se:

“Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no abɔse nkyɛn.

15“Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako. 16Nanso esiane sɛ woyɛ potrobodwo na wonyɛ hyew na wonyɛ nwunu nti, merebɛtew wo sɛ ntasu afi mʼanom.

17“Woka se, Meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa. Nanso wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura.

18“Enti mitu wo fo se tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, fi me nkyɛn sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei tɔ ntade fitaa hyɛ fa kata wo animguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu wʼani so sɛnea wubehu ade. 19Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho.

20“Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue pon no a, mɛba ne fi na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi. 21Mɛma nkonimdifo no atena mʼahengua no ho sɛnea madi nkonim nti mete mʼAgya ahengua ho mprempren no.

22“Sɛ wowɔ aso a, ɛnne tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

Copyright information for TwiNAK